Yeremia 20:11
Jeremiah 20:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima; enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina. Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa; wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da.
Jeremiah 20:11 in English
Jeremiah 20:11 · Berean Standard Bible
But the LORD is with me like a fearsome warrior. Therefore, my persecutors will stumble and will not prevail. Since they have not succeeded, they will be utterly put to shame, with an everlasting disgrace that will never be forgotten.
Context
9Sɛ meka sɛ, “Meremmɔ ne din
anaa merenkasa wɔ ne din mu” a,
nʼasɛm te sɛ ogya wɔ mʼakoma mu,
ogya a wɔde ahyɛ me nnompe mu.
Mede ahyɛ me mu abrɛ
nokorɛm, merentumi. 10Mete asomusɛm bebree sɛ,
“Ehu wɔ baabiara!
Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!”
Me nnamfonom nyinaa
retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ,
“Ebia wɔbɛdaadaa no;
na yɛatumi
atɔ ne so were.” 11Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima;
enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina.
Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa;
wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da. 12Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ
na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu,
ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo. 13Monto dwom mma Awurade!
Monyi Awurade ayɛ!
Ɔgye ohiani nkwa firi
amumuyɛfoɔ nsam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.