Native Bible

Jeremiah 20:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo.

Jeremiah 20:12 in English

Jeremiah 20:12 · Berean Standard Bible

O LORD of Hosts, who examines the righteous, who sees the heart * and mind, let me see Your vengeance upon them, for to You I have committed my cause.

Context

10Mete asomusɛm bebree sɛ, “Ehu wɔ baabiara! Montoa no! Momma yɛnkɔtoa no!” Me nnamfonom nyinaa retwɛn sɛ mɛwatiri, na wɔka sɛ, “Ebia wɔbɛdaadaa no; na yɛatumi atɔ ne so were.” 11Nanso, Awurade ka me ho sɛ dɔmmarima; enti mʼataafoɔ bɛsuntisunti na wɔrentumi nnyina. Wɔbɛdi nkoguo na wɔn anim bɛgu ase pasaa; wɔn werɛ remfiri wɔn nsopa no da. 12Ao, Asafo Awurade! Wo a wɔsɔ ɔteneneeni hwɛ na wopɛɛpɛɛ akoma ne adwene mu, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, ɛfiri sɛ mede mʼasɛm dane wo. 13Monto dwom mma Awurade! Monyi Awurade ayɛ! Ɔgye ohiani nkwa firi amumuyɛfoɔ nsam. 14Nnome nka da a wɔwoo me! Nhyira mpare ɛda a me maame woo me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.