Yeremia 2:3
Jeremiah 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Israel yɛ kronkron ma Awurade, ne twaberɛ mu abukan; wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ, na amanehunu baa wɔn so,” sɛdeɛ Awurade, seɛ nie.
Jeremiah 2:3 in English
Jeremiah 2:3 · Berean Standard Bible
Israel was holy to the LORD, the firstfruits of His harvest. All who devoured her found themselves guilty; disaster came upon them,’” declares the LORD.
Context
1Awurade asɛm baa me so: 2“Kɔpae mu ka ma Yerusalem nte:
“Mekae sɛdeɛ wode wo ho maa me wo mmabunu berɛ mu,
sɛdeɛ wo dɔɔ me wʼayeforɔ berɛ mu
na wodii mʼakyi wɔ ɛserɛ so,
asase a wɔnnuaa so hwee. 3Na Israel yɛ kronkron ma Awurade,
ne twaberɛ mu abukan;
wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ,
na amanehunu baa wɔn so,”
sɛdeɛ Awurade, seɛ nie. 4Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ,
mo Israel mmusuakuo nyinaa. 5Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a
ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei?
Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi,
ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.