Native Bible

Jeremiah 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei? Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi, ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ.

Jeremiah 2:5 in English

Jeremiah 2:5 · Berean Standard Bible

This is what the LORD says: “What fault did your fathers find in Me that they strayed so far from Me, and followed worthless idols, and became worthless themselves?

Context

3Na Israel yɛ kronkron ma Awurade, ne twaberɛ mu abukan; wɔn a wɔdii nʼani no, wɔbuu wɔn fɔ, na amanehunu baa wɔn so,” sɛdeɛ Awurade, seɛ nie. 4Montie Awurade asɛm, Ao Yakob fiefoɔ, mo Israel mmusuakuo nyinaa. 5Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Mfomsoɔ bɛn na mo agyanom hunuu wɔ me ho a ɛma wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyirikyiri sei? Wɔdii ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ akyi, ma wɔn ankasa bɛyɛɛ ahuhufoɔ. 6Wɔammisa sɛ, ‘Ɛhe na Awurade wɔ? Deɛ ɔyii yɛn firii Misraim na ɔde yɛn faa ɛserɛ wesee so, anweatam ne amenamena asase a awo na ayɛ owubɔn no. Na ɛyɛ asase a obiara mfa so na obiara nte soɔ no.’ 7Mede mo bɛduaa asase bereɛ so sɛ monni so nnuaba ne ɛso nnepa. Nanso mobɛguu mʼasase ho fi na moyɛɛ mʼagyapadeɛ akyiwadeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.