Native Bible

Jeremiah 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei adɛn enti na mokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsuo? Na adɛn enti na mokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?

Jeremiah 2:18 in English

Jeremiah 2:18 · Berean Standard Bible

Now what will you gain on your way to Egypt to drink the waters of the Nile *? What will you gain on your way to Assyria to drink the waters of the Euphrates *?

Context

16Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima ayi wo tiri so nwi. 17Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi, wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan? 18Afei adɛn enti na mokɔ Misraim kɔnom Sihor mu nsuo? Na adɛn enti na mokɔ Asiria kɔnom Asubɔnten no mu nsuo? 19Wo amumuyɛ bɛtwe wʼaso; wʼakyirisane bɛka wʼanim. Enti dwene ho na hunu sɛ, sɛ wopa Awurade wo Onyankopɔn akyi na woannya ne ho suro a, ɛyɛ bɔne ne ɔyea ma wo.” Awurade, Asafo Awurade na ɔseɛ. 20“Mmerɛ bi atwam, wobubuu wo kɔnnua mu, na wotetee wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu; na wokaa sɛ, ‘Merensom wo!’ Nokorɛm, wɔ kokoɔ biara so ne dua biara a adendan ase na wotena bɔɔ adwaman.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.