Yeremia 2:16
Jeremiah 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima ayi wo tiri so nwi.
Jeremiah 2:16 in English
Jeremiah 2:16 · Berean Standard Bible
The men of Memphis * and Tahpanhes have shaved the crown of your head.
Context
14Israel yɛ akoa anaa ɔsomfoɔ firi awoɔ mu anaa?
Adɛn enti na wayɛ afodeɛ yi? 15Agyata abobɔ mu;
wɔapɔ no so.
Wɔasɛe nʼasase;
wɔahyehye ne nkuro ayɛ no amanfo. 16Afei, Memfis ne Tapanhes mmarima
ayi wo tiri so nwi. 17Ɛnyɛ wo na woama yei aba wo so
sɛ wopaa Awurade wo Onyankopɔn akyi,
wɔ ɛberɛ a ɔrekyerɛ wo ɛkwan? 18Afei adɛn enti na mokɔ Misraim
kɔnom Sihor mu nsuo?
Na adɛn enti na mokɔ Asiria
kɔnom Asubɔnten no mu nsuo?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.