Yeremia 16:17
Jeremiah 16:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; ɛnsumaa me, na wɔn bɔne nso nhintaeɛ wɔ mʼani so.
Jeremiah 16:17 in English
Jeremiah 16:17 · Berean Standard Bible
For My eyes are on all their ways. They are not hidden from My face, and their guilt is not concealed from My eyes.
Context
15mmom wɔbɛka sɛ, ‘Sɛ Awurade te ase yi deɛ ɔyii Israelfoɔ firii atifi fam asase ne aman a ɔtuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Ɛfiri sɛ mɛsane de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no so. 16“Na seesei, mɛsoma apofofoɔ bebree a wɔbɛkyere wɔn.” Awurade na ɔseɛ. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfoɔ bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa so ne abotan ntokuro mu. 17Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; ɛnsumaa me, na wɔn bɔne nso nhintaeɛ wɔ mʼani so. 18Mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, ɛfiri sɛ wɔde aniwudeɛ nsɛsodeɛ a ɛnni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ abɛhyɛ mʼagyapadeɛ so ma de agu mʼasase ho fi.” 19Ao Awurade, mʼahoɔden ne mʼaban,
mʼahohia mu dwanekɔbea,
wo nkyɛn na amanaman no bɛba
wɔbɛfiri nsase ano aka sɛ,
“Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuo,
ahoni a wɔn ho nni mfasoɔ na wɔammoa wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.