Native Bible

Jeremiah 15:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem? Hwan na ɔbɛgyam wo? Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?

Jeremiah 15:5 in English

Jeremiah 15:5 · Berean Standard Bible

Who will have pity on you, O Jerusalem? Who will mourn for you? Who will turn aside to ask about your welfare?

Context

3“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti. 5“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem? Hwan na ɔbɛgyam wo? Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ? 6Woapo me,” Awurade na ɔseɛ. “Wogu akyirisane so ara. Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio. 7Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so wɔ asase no kuropɔn apono ano. Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.