Yeremia 15:4
Jeremiah 15:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.
Jeremiah 15:4 in English
Jeremiah 15:4 · Berean Standard Bible
I will make them a horror to all the kingdoms of the earth because of what Manasseh son of Hezekiah king of Judah did in Jerusalem.
Context
2Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:
“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;
wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;
wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;
wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’ 3“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti. 5“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem?
Hwan na ɔbɛgyam wo?
Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ? 6Woapo me,” Awurade na ɔseɛ.
“Wogu akyirisane so ara.
Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo.
Me yam renhyehye me mma wo bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.