Yeremia 15:2
Jeremiah 15:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom; wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano; wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’
Jeremiah 15:2 in English
Jeremiah 15:2 · Berean Standard Bible
If they ask you, ‘Where shall we go?’ you are to tell them that this is what the LORD says: ‘Those destined for death, to death; those destined for the sword, to the sword;* those destined for famine, to famine; and those destined for captivity, to captivity.’
Context
1Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel* bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ! 2Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:
“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;
wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;
wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;
wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’ 3“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.