Yeremia 15:3
Jeremiah 15:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.
Jeremiah 15:3 in English
Jeremiah 15:3 · Berean Standard Bible
I will appoint over them four kinds of destroyers, declares the LORD: the sword to kill, the dogs to drag away, and the birds of the air and beasts of the earth to devour and destroy.
Context
1Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel* bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ! 2Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ:
“ ‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom;
wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano;
wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn;
wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’ 3“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn. 4Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti. 5“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem?
Hwan na ɔbɛgyam wo?
Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.