Native Bible

Jeremiah 15:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so wɔ asase no kuropɔn apono ano. Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.

Jeremiah 15:7 in English

Jeremiah 15:7 · Berean Standard Bible

I will scatter them with a winnowing fork at the gates of the land. I will bereave and destroy My people who have not turned from their ways.

Context

5“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem? Hwan na ɔbɛgyam wo? Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ? 6Woapo me,” Awurade na ɔseɛ. “Wogu akyirisane so ara. Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio. 7Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so wɔ asase no kuropɔn apono ano. Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan. 8Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea. Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom; mpofirim mede ɔyea ne ehu bɛba wɔn so. 9Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha, na wagyae mu. Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ; wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena wɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.