Native Bible

Jeremiah 15:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha, na wagyae mu. Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ; wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena wɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ.

Jeremiah 15:9 in English

Jeremiah 15:9 · Berean Standard Bible

The mother of seven will grow faint; she will breathe her last breath. Her sun will set while it is still day; she will be disgraced and humiliated. And the rest I will put to the sword in the presence of their enemies,” declares the LORD.

Context

7Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so wɔ asase no kuropɔn apono ano. Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan. 8Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea. Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom; mpofirim mede ɔyea ne ehu bɛba wɔn so. 9Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha, na wagyae mu. Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ; wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena wɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ. 10Ao, me maame a wowoo me, anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ. Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ! Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea, nanso obiara dome me. 11Awurade kaa sɛ, “Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.