Native Bible

Jeremiah 15:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade kaa sɛ, “Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.

Jeremiah 15:11 in English

Jeremiah 15:11 · Berean Standard Bible

The LORD said: “Surely I will deliver you for a good purpose; surely I will intercede with your enemy in your time of trouble, in your time of distress.

Context

9Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha, na wagyae mu. Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ; wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena wɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ. 10Ao, me maame a wowoo me, anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ. Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ! Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea, nanso obiara dome me. 11Awurade kaa sɛ, “Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu. 12“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere? 13“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka, ɛsiane mo nnebɔne nyinaa wɔ mo ɔman no mu enti.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.