Yeremia 15:12
Jeremiah 15:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?
Jeremiah 15:12 in English
Jeremiah 15:12 · Berean Standard Bible
Can anyone smash iron— iron from the north—or bronze?
Context
10Ao, me maame a wowoo me,
anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ.
Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ!
Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea,
nanso obiara dome me. 11Awurade kaa sɛ,
“Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi;
ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw
wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu. 12“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu
dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere? 13“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ
bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka,
ɛsiane mo nnebɔne nyinaa
wɔ mo ɔman no mu enti. 14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ
wɔ ɔman a monnim soɔ so,
mʼabufuo bɛma ogya adɛre
na ɛbɛhye mo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.