Native Bible

Jeremiah 15:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ ɔman a monnim soɔ so, mʼabufuo bɛma ogya adɛre na ɛbɛhye mo.”

Jeremiah 15:14 in English

Jeremiah 15:14 · Berean Standard Bible

Then I will enslave you to your enemies in a land * you do not know, for My anger will kindle a fire that will burn against you.”

Context

12“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere? 13“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka, ɛsiane mo nnebɔne nyinaa wɔ mo ɔman no mu enti. 14Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ ɔman a monnim soɔ so, mʼabufuo bɛma ogya adɛre na ɛbɛhye mo.” 15Wote aseɛ, Ao Awurade; kae me na hwɛ me so. Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere. Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu; hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora. 16Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.