Yeremia 14:19
Jeremiah 14:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woapo Yuda kora anaa? Wokyi Sion anaa? Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so na yɛnnya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoeɛ so, nanso ade papa biara mmaeɛ, yɛn ani daa ayaresaberɛ so nanso ehubɔ na ɛbaeɛ.
Jeremiah 14:19 in English
Jeremiah 14:19 · Berean Standard Bible
Have You rejected Judah completely? Do You despise Zion? Why have You stricken us so that we are beyond healing? We hoped for peace, but no good has come, and for the time of healing, but there was only terror.
Context
17“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia
a ɛtoɔ ntwa da
ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ
anya apirakuro a ɛyɛ hu
na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ. 18Sɛ mekɔ ɔman no mu a,
mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano;
sɛ mekɔ kuropɔn no mu a
mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ.
Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa
kɔ asase a wɔnnim so so.’ ” 19Woapo Yuda kora anaa?
Wokyi Sion anaa?
Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so
na yɛnnya ayaresa?
Yɛn ani daa asomdwoeɛ so,
nanso ade papa biara mmaeɛ,
yɛn ani daa ayaresaberɛ so
nanso ehubɔ na ɛbaeɛ. 20Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu
ne yɛn agyanom afɔdie;
nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo. 21Na wo din enti mmu yɛn animtia;
nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho.
Kae wo ne yɛn apam no
na mmu so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.