Native Bible

Jeremiah 14:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia a ɛtoɔ ntwa da ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ anya apirakuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ.

Jeremiah 14:17 in English

Jeremiah 14:17 · Berean Standard Bible

You are to speak this word to them: ‘My eyes overflow with tears; day and night they do not cease, for the virgin daughter of my people has been shattered by a crushing blow, a severely grievous wound.

Context

15Ɛno enti, deɛ Awurade ka fa adiyifoɔ a wɔde me din hyɛ nkɔm no ho nie: mensomaa wɔn nanso wɔka sɛ, ‘Akofena biara anaa ɛkɔm biara remma asase yi so.’ Saa adiyifoɔ no ara bɛtotɔ akofena ano ne ɛkɔm mu. 16Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so. 17“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia a ɛtoɔ ntwa da ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ anya apirakuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ. 18Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ. Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kɔ asase a wɔnnim so so.’ ” 19Woapo Yuda kora anaa? Wokyi Sion anaa? Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so na yɛnnya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoeɛ so, nanso ade papa biara mmaeɛ, yɛn ani daa ayaresaberɛ so nanso ehubɔ na ɛbaeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.