Native Bible

Jeremiah 14:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ. Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kɔ asase a wɔnnim so so.’ ”

Jeremiah 14:18 in English

Jeremiah 14:18 · Berean Standard Bible

If I go out to the country, I see those slain by the sword; if I enter the city, I see those ravaged by famine! For both prophet and priest travel to a land they do not know.’”

Context

16Na nnipa a wɔhyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, wɔbɛtoto wɔn agu Yerusalem mmɔntene so ɛsiane ɛkɔm ne akofena enti. Wɔrenya obiara nsie wɔn, wɔn yerenom, wɔn mmammarima anaa wɔn mmammaa. Mɛma amanehunu a ɛfata wɔn aba wɔn so. 17“Ka saa asɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘ma nisuo nnware me anadwo ne awia a ɛtoɔ ntwa da ɛfiri sɛ me babaa bunu, me nkurɔfoɔ anya apirakuro a ɛyɛ hu na ɛyɛ ahodwirie mmorosoɔ. 18Sɛ mekɔ ɔman no mu a, mehunu nnipa a wɔatotɔ akofena ano; sɛ mekɔ kuropɔn no mu a mehunu ɛkɔm nsunsuansoɔ. Odiyifoɔ ne ɔsɔfoɔ nyinaa kɔ asase a wɔnnim so so.’ ” 19Woapo Yuda kora anaa? Wokyi Sion anaa? Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so na yɛnnya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoeɛ so, nanso ade papa biara mmaeɛ, yɛn ani daa ayaresaberɛ so nanso ehubɔ na ɛbaeɛ. 20Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu ne yɛn agyanom afɔdie; nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.