Native Bible

Jeremiah 14:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na wo din enti mmu yɛn animtia; nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so.

Jeremiah 14:21 in English

Jeremiah 14:21 · Berean Standard Bible

For the sake of Your name do not despise us; do not disgrace Your glorious throne. Remember Your covenant with us; do not break it.

Context

19Woapo Yuda kora anaa? Wokyi Sion anaa? Adɛn enti na wode ɔhaw aba yɛn so na yɛnnya ayaresa? Yɛn ani daa asomdwoeɛ so, nanso ade papa biara mmaeɛ, yɛn ani daa ayaresaberɛ so nanso ehubɔ na ɛbaeɛ. 20Ao, Awurade, yɛagye yɛn amumuyɛ ato mu ne yɛn agyanom afɔdie; nokorɛm yɛayɛ bɔne atia wo. 21Na wo din enti mmu yɛn animtia; nhura wʼanimuonyam ahennwa no ho. Kae wo ne yɛn apam no na mmu so. 22Na amanaman ahoni ahuhuo no mu bi ma osuo tɔ anaa? Anaasɛ ewiem bɛtumi ama obosuo apete? Dabi, ɛyɛ wo, Ao Awurade yɛn Onyankopɔn. Enti wo so na yɛn ani da, yɛretwɛn mmoa afiri wo hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.