Native Bible

Jeremiah 11:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Esiane sɛ Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me.

Jeremiah 11:18 in English

Jeremiah 11:18 · Berean Standard Bible

And the LORD informed me, so I knew. Then You showed me their deeds.

Context

16Awurade, frɛɛ wo ngo dua a anyini frɔmm a ɛso aba a ɛyɛ fɛ. Nanso ɔde ahum kɛseɛ bi huiɛ bɛto mu ogya, na ne mman bɛbubu. 17Asafo Awurade a ɔduaa wo no ahyɛ amanehunu ho nkɔm wɔ wo ho, ɛfiri sɛ, Israel fiefoɔ ne Yuda fiefoɔ ayɛ bɔne ahyɛ me abufuo sɛ wɔhye nnuhwam ma Baal. 18Esiane sɛ Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19Meyɛɛ sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim po atia me sɛ, “Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no; momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so, sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio.” 20Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee na wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.