Yeremia 11:20
Jeremiah 11:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee na wosɔ akoma ne adwene hwɛ, ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so, na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ.
Jeremiah 11:20 in English
Jeremiah 11:20 · Berean Standard Bible
O LORD of Hosts, who judges righteously, who examines the heart * and mind, let me see Your vengeance upon them, for to You I have committed my cause.
Context
18Esiane sɛ Awurade yii ɛpɔ a wɔabɔ kyerɛɛ me no enti, mehunuuɛ, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ no ɔde deɛ wɔreyɛ no kyerɛɛ me. 19Meyɛɛ sɛ odwammaa a ɔdwoɔ a wɔde no rekɔ akɔkum no; amma mʼadwene mu sɛ wɔabɔ wɔn tirim po atia me sɛ,
“Momma yɛnsɛe dua no ne nʼaba no;
momma yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asase so,
sɛdeɛ wɔnnkae ne din bio.” 20Nanso Ao, Asafo Awurade, wo a wobu atɛntenenee
na wosɔ akoma ne adwene hwɛ,
ma menhunu wʼaweretɔ wɔ wɔn so,
na wo nsam na mede me nsɛm nyinaa hyɛ. 21Ɛno enti deɛ Awurade ka fa Anatot mmarimma a wɔrepɛ wo akum wo na wɔka sɛ, “Nhyɛ nkɔm wɔ Awurade din mu anyɛ saa a, wobɛwu wɔ yɛn nsa ano,” 22Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade seɛ nie: “Mɛtwe wɔn aso. Wɔn mmeranteɛ bɛwuwu akofena ano, na ɛkɔm bɛkunkum wɔn mmammarima ne mmammaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.