Yeremia 1:9
Jeremiah 1:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu.
Jeremiah 1:9 in English
Jeremiah 1:9 · Berean Standard Bible
Then the LORD reached out His hand, touched my mouth, and said to me: “Behold, I have put My words in your mouth.
Context
7Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. 8Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo,” deɛ Awurade seɛ nie. 9Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu. 10Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.” 11Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?”
Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.