Native Bible

Jeremiah 1:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?” Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.”

Jeremiah 1:11 in English

Jeremiah 1:11 · Berean Standard Bible

And the word of the LORD came to me, asking, “Jeremiah, what do you see?” “I see a branch of an almond tree,” I replied.

Context

9Na Awurade tenee ne nsa de kaa mʼano na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu. 10Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.” 11Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?” Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.” 12Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.” 13Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.