Yeremia 1:12
Jeremiah 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.”
Jeremiah 1:12 in English
Jeremiah 1:12 · Berean Standard Bible
“You have observed correctly,” said the LORD, “for I am watching * over My word to accomplish it.”
Context
10Hwɛ, ɛnnɛ mede wo asi aman ne ahennie so sɛ, tutu na dwiri gu, sɛe na tu gu, kyekyere na dua.” 11Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?”
Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.” 12Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.” 13Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”
Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.” 14Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.