Native Bible

Jeremiah 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.”

Jeremiah 1:13 in English

Jeremiah 1:13 · Berean Standard Bible

Again the word of the LORD came to me, asking, “What do you see?” “I see a boiling pot,” I replied, “and it is tilting toward us from the north.”

Context

11Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi, Yeremia?” Na mebuaa sɛ, “Mehunu sorɔno dubaa.” 12Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wahunu no yie, na merehwɛ anim sɛ mʼasɛm bɛba mu.” 13Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?” Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.” 14Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie. “Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano; wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia ne Yuda nkuro nyinaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.