Yeremia 1:15
Jeremiah 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie. “Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano; wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia ne Yuda nkuro nyinaa so.
Jeremiah 1:15 in English
Jeremiah 1:15 · Berean Standard Bible
For I am about to summon all the clans and kingdoms of the north,” declares the LORD. “Their kings will come and set up their thrones at the entrance of the gates of Jerusalem. They will attack all her surrounding walls and all the other cities of Judah.
Context
13Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu yi?”
Mebuaa sɛ, “Mehunu ɛsɛn a ɛrehuru sɛ ano rekyea akyerɛ yɛn firi atifi fam.” 14Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie.
“Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba
abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano;
wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia
ne Yuda nkuro nyinaa so. 16Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn
wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me,
sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ
na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ. 17“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.