Yeremia 1:17
Jeremiah 1:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim.
Jeremiah 1:17 in English
Jeremiah 1:17 · Berean Standard Bible
Get yourself ready.* Stand up and tell them everything that I command you. Do not be intimidated by them, or I will terrify you before them.
Context
15Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie.
“Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba
abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano;
wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia
ne Yuda nkuro nyinaa so. 16Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn
wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me,
sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ
na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ. 17“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. 18Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so. 19Wɔbɛko atia wo nanso wɔrentumi nni wo so nkonim, ɛfiri sɛ meka wo ho, na mɛgye wo,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.