Native Bible

Jeremiah 1:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me, sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ.

Jeremiah 1:16 in English

Jeremiah 1:16 · Berean Standard Bible

I will pronounce My judgments against them for all their wickedness, because they have forsaken Me to burn incense to other gods and to worship the works of their own hands.

Context

14Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔbɛfiri atifi fam de amanehunu aba wɔn a wɔte asase no so nyinaa so. 15Merebɛfrɛ atifi ahennie mu nnipa nyinaa,” deɛ Awurade seɛ nie. “Wɔn ahemfo de wɔn ahennwa bɛba abɛsisi Yerusalem kuropɔn apono ano; wɔbɛto ahyɛ nʼafasuo a atwa ahyia ne Yuda nkuro nyinaa so. 16Mɛbu me nkurɔfoɔ atɛn wɔ wɔn amumuyɛ sɛ wɔagya me, sɛ wɔhye nnuhwam ma anyame foforɔ na wɔkoto sɔre deɛ wɔde wɔn nsa ayɛ. 17“Siesie wo ho! Sɔre na ka deɛ mɛka akyerɛ wo biara kyerɛ wɔn. Mma wɔmmmɔ wo hu, anyɛ saa a mɛma woabɔ hu wɔ wɔn anim. 18Ɛnnɛ, mayɛ wo kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, dadeɛ dum ne kɔbere ɔfasuo sɛ wobɛsɔre atia asase no nyinaa, Yuda ahemfo, nʼadwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.