Native Bible

Judges 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi. Hyira Awurade!

Judges 5:9 in English

Judges 5:9 · Berean Standard Bible

My heart is with the princes of Israel, with the volunteers among the people. Bless the LORD!

Context

7Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛ kɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel. 8Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no, ɔko sɔree kuropɔn no apono ano. Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu! 9Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi. Hyira Awurade! 10“Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so, tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie! Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie! 11Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ. Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie, ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm. “Afei Awurade nkurɔfoɔ bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.