Atemmufoɔ 5:10
Judges 5:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so, tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie! Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie!
Judges 5:10 in English
Judges 5:10 · Berean Standard Bible
You who ride white donkeys, who sit on saddle blankets, and you who travel the road, ponder
Context
8Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no,
ɔko sɔree kuropɔn no apono ano.
Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea
wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu! 9Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa
ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi.
Hyira Awurade! 10“Mo a motete afunumu a wɔte apɔ so,
tete nsaa a ɛyɛ fɛ so, montie!
Ne mo a ɛsɛ sɛ monante fam nso, montie! 11Montie nkuraaseɛ nnwomsiaafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano wɔ anomeeɛ.
Wɔkeka Awurade tenenee nkonimdie,
ne ne nkuraasefoɔ nkonimdie wɔ Israel ho asɛm.
“Afei Awurade nkurɔfoɔ
bɔɔ nsra kɔɔ kuropɔn no apono ano. 12‘Sɔre! Debora, sɔre!
Sɔre, sɔre na to dwom!
Sɔre, Barak!
Di wo nneduafoɔ anim kɔ, Abinoam ba!’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.