Native Bible

Judges 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛ kɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel.

Judges 5:7 in English

Judges 5:7 · Berean Standard Bible

Life in the villages ceased; it ended in Israel, until I, Deborah, arose, a mother in Israel.

Context

5Awurade ba no maa mmepɔ wosoeɛ. Sinai Bepɔ mpo wosoeɛ wɔ Awurade, Israel Onyankopɔn anim. 6“Anat ba Samgar ne Yael berɛ so, nnipa amfa akwantempɔn so, na akwantufoɔ faa anammɔnkwan kɔntɔnkye so. 7Nnipa kakra na wɔkaa Israel nkuraaseɛ kɔsii sɛ Debora sɔree sɛ ɛna maa Israel. 8Ɛberɛ a Israel somm anyame foforɔ no, ɔko sɔree kuropɔn no apono ano. Nanso wɔanhunu kyɛm anaa pea wɔ akofoɔ ɔpeduanan a wɔwɔ Israel mu! 9Mewɔ Israel ntuanofoɔ afa ne wɔn a wɔde anigyeɛ dii wɔn akyi. Hyira Awurade!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.