Native Bible

Judges 5:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti. Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.

Judges 5:26 in English

Judges 5:26 · Berean Standard Bible

She reached for the tent peg, her right hand for the workman’s hammer. She struck Sisera and crushed his skull; she shattered and pierced his temple.

Context

24“Nhyira nka Yael, Heber a ɔfiri Keni yere. Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa. 25Sisera srɛɛ nsuo, na Yael maa no nufosuo; bonsua a ɛfata ahemfo no mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no. 26Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa, na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ. Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti. Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim. 27Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase; ɔwuu wɔ ne nan ase. 28“Sisera nena hwɛɛ mpomma mu; ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan, ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi? Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.