Atemmufoɔ 5:24
Judges 5:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nhyira nka Yael, Heber a ɔfiri Keni yere. Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa.
Judges 5:24 in English
Judges 5:24 · Berean Standard Bible
Most blessed among women is Jael, the wife of Heber the Kenite, most blessed of tent-dwelling women.
Context
22Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam,
wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ. 23‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ.
Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn
ɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade,
wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no. 24“Nhyira nka Yael,
Heber a ɔfiri Keni yere.
Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa. 25Sisera srɛɛ nsuo,
na Yael maa no nufosuo;
bonsua a ɛfata ahemfo no mu
na ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no. 26Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa,
na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ.
Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti.
Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.