Native Bible

Judges 5:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn ɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no.

Judges 5:23 in English

Judges 5:23 · Berean Standard Bible

‘Curse Meroz,’ says the angel of the LORD. ‘Bitterly curse her inhabitants; for they did not come to help the LORD, to help the LORD against the mighty.’

Context

21Asubɔnten Kison twee wɔn kɔeɛ, tete asuo, Kison. Me kra, fa akokoɔduru bɔ nsra kɔ wʼanim! 22Afei, apɔnkɔ no tɔte pempem fam, wɔde mmirikatɛntɛ, Sisera apɔnkɔ ahoɔdenfoɔ no mmirikatɛntɛ. 23‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn ɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no. 24“Nhyira nka Yael, Heber a ɔfiri Keni yere. Ne nhyira nsene mmaa a wɔtete ntomadan mu nyinaa. 25Sisera srɛɛ nsuo, na Yael maa no nufosuo; bonsua a ɛfata ahemfo no mu na ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.