Atemmufoɔ 5:27
Judges 5:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase; ɔwuu wɔ ne nan ase.
Judges 5:27 in English
Judges 5:27 · Berean Standard Bible
At her feet he collapsed, he fell, there he lay still; at her feet he collapsed, he fell; where he collapsed, there he fell dead.
Context
25Sisera srɛɛ nsuo,
na Yael maa no nufosuo;
bonsua a ɛfata ahemfo no mu
na ɔde nufosuo ani sradeɛ brɛɛ no. 26Afei, ɔde ne nsa benkum yii ntomadan pɛɛwa,
na ɔde ne nsa nifa faa odwumfoɔ asaeɛ.
Ɔde bɔɔ Sisera, pɛkyɛɛ ne ti.
Ɔde pɛɛwa no wɔɔ ne moma so, bɔɔ so kɔɔ ne tirim. 27Ɔhodwoeɛ, ɔhwee ase;
ɔwuu wɔ ne nan ase. 28“Sisera nena hwɛɛ mpomma mu;
ɔtɛɛ mpomma mu hwɛɛ no kwan,
ɔkaa sɛ, ‘Adɛn enti na ne teaseɛnam akyɛre ba yi?
Adɛn enti na yɛnte teaseɛnam nhankra nnyegyeeɛ yi?’ 29Ne mmaa anyansafoɔ no rema mmuaeɛ no,
ɔtii mu kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne ho sɛ:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.