Atemmufoɔ 15:16
Judges 15:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Samson kaa sɛ, “Mede afunumu apantan, Ahɔre wɔn sɛ esie! Mede afunumu apantan, akunkum mmarima apem!”
Judges 15:16 in English
Judges 15:16 · Berean Standard Bible
Then Samson said: “With the jawbone of a donkey I have piled them into heaps.* With the jawbone of a donkey I have slain a thousand men.”
Context
14Samson duruu Lehi no, Filistifoɔ no bɔɔ ose. Na Awurade Honhom tumi mu ahoɔden baa Samson so. Ɔtetee nhoma a ɛgu ne nsa so no mu te sɛ nhoma nketewa bi a ogya aka, maa ne nyinaa tete firii nʼabakɔn guu fam. 15Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem. 16Na Samson kaa sɛ,
“Mede afunumu apantan,
Ahɔre wɔn sɛ esie!
Mede afunumu apantan,
akunkum mmarima apem!” 17Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ. 18Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.