Native Bible

Judges 15:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ.

Judges 15:17 in English

Judges 15:17 · Berean Standard Bible

And when Samson had finished speaking, he cast the jawbone from his hand; and he named that place Ramath-lehi.*

Context

15Afei, ɔmaa afunumu apantan bi a na ɛda fam so de kunkumm Filistifoɔ apem. 16Na Samson kaa sɛ, “Mede afunumu apantan, Ahɔre wɔn sɛ esie! Mede afunumu apantan, akunkum mmarima apem!” 17Na ɔwiee kasa no, ɔtoo apantan no tweneeɛ. Na wɔtoo beaeɛ hɔ edin Ramat-Lehi a aseɛ ne Apantan bepɔ. 18Ɛbaa sɛ osukɔm dee Samson yie enti ɔsu frɛɛ Awurade sɛ, “Wonam wʼakoa ahoɔden so adi saa nkonim kɛseɛ yi. Na enti osukɔm nku me, na mentɔ wɔ saa abosonsomfoɔ yi nsam?” 19Enti, Awurade maa nsuo pue firii tokuro bi mu wɔ Lehi asase so baabi. Na Samson nom bi no, ne ho sanee no. Na ɔtoo hɔ din sɛ En-Hakore, na ɛda so wɔ Lehi de bɛsi ɛnnɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.