Yesaia 9:8
Isaiah 9:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no, na ɛbɛka Israel.
Isaiah 9:8 in English
Isaiah 9:8 · Berean Standard Bible
The Lord has sent a message against Jacob, and it has fallen upon Israel.
Context
6Ɛfiri sɛ, wɔawo akokoaa ama yɛn,
wɔama yɛn ɔbabanin,
na amammuo no bɛda ne mmati so.
Na wɔbɛfrɛ no
Ɔfotufoɔ Nwanwani, Otumfoɔ Onyankopɔn,
Daa Agya, Asomdwoeɛ Wura. 7Nʼamammuo no nkɔsoɔ ne nʼasomdwoeɛ
bɛtena hɔ daa.
Ɔbɛtena Dawid ahennwa so
abu nʼahennie,
Ɔde atɛntenenee ne teneneeyɛ
bɛhyɛ aseɛ na wama atim
afiri saa ɛberɛ no akɔsi daa apem.
Asafo Awurade mmɔdemmɔ
bɛyɛ yei. 8Awurade ato Yakob nkra a ɛtia no,
na ɛbɛka Israel. 9Nnipa no nyinaa bɛhunu,
Efraim ne wɔn a wɔtete Samaria
a wɔde ahohoahoa
ne ahomasoɔ akoma kasa no, 10“Ntayaa no abubu agu fam
nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto bio.
Wɔabubu borɔdɔma nnua no
nanso yɛde ntweneduro bɛsi anan mu.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.