Yesaia 8:13
Isaiah 8:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ne ho yɛ hu,
Isaiah 8:13 in English
Isaiah 8:13 · Berean Standard Bible
The LORD of Hosts is the One you shall regard as holy. Only He should be feared; only He should be dreaded.
Context
11Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ, 12“Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam
na ɛyɛ tirisopam.
Monnsuro deɛ wosuro,
na momma ɛmmɔ mo hu. 13Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron,
ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no,
ɔno na ne ho yɛ hu, 14ɔbɛyɛ kronkronbea:
nanso Israel afie mmienu no deɛ,
ɔbɛyɛ suntiboɔ
ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase.
Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ
ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn. 15Wɔn mu bebree bɛsuntisunti;
wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio;
wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.