Native Bible

Isaiah 8:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam na ɛyɛ tirisopam. Monnsuro deɛ wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu.

Isaiah 8:12 in English

Isaiah 8:12 · Berean Standard Bible

“Do not call conspiracy everything these people regard as conspiracy. Do not fear what they fear;* do not live in dread.*

Context

10Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no; da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ. 11Awurade de ne nsa denden no too me so, ka kyerɛ me bɔɔ me kɔkɔ sɛ, mennante saa nkurɔfoɔ yi kwan so. Ɔkaa sɛ, 12“Ɛnyɛ biribiara a saa nkurɔfoɔ yi frɛ no tirisopam na ɛyɛ tirisopam. Monnsuro deɛ wosuro, na momma ɛmmɔ mo hu. 13Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ne ho yɛ hu, 14ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel afie mmienu no deɛ, ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.