Native Bible

Isaiah 8:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn mu bebree bɛsuntisunti; wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio; wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.”

Isaiah 8:15 in English

Isaiah 8:15 · Berean Standard Bible

Many will stumble over these; they will fall and be broken; they will be ensnared and captured.”

Context

13Asafo Awurade nko ara na ɛsɛ sɛ wobu no kronkron, ɔno na ɛsɛ sɛ wosuro no, ɔno na ne ho yɛ hu, 14ɔbɛyɛ kronkronbea: nanso Israel afie mmienu no deɛ, ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔbotan a ɛma wɔhwe ase. Na ne nnipa a ɛwɔ Yerusalem deɛ ɔbɛyɛ afidie a ɛbɛyi wɔn. 15Wɔn mu bebree bɛsuntisunti; wɔbɛhwe ase a wɔnnsɔre bio; wɔbɛsum wɔn afidie na ayi wɔn.” 16Kyekyere adanseɛ no sɔ mmara no ano ma mʼasuafoɔ. 17Mɛtwɛn Awurade a wayi nʼani afiri Yakob efie so mede me werɛ bɛhyɛ ne mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.