Yesaia 65:4
Isaiah 65:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔtenana adamena so na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam; wɔwe prakonam na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ;
Isaiah 65:4 in English
Isaiah 65:4 · Berean Standard Bible
sitting among the graves, spending nights in secret places, eating the meat of pigs and polluted broth from their bowls.
Context
2Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama
nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano,
a wɔnenam akwammɔne so,
na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi. 3Nnipa a daa no wɔyi me ahi
wɔ mʼanim pɛɛ.
Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu
na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so; 4Wɔtenana adamena so
na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam;
wɔwe prakonam
na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ; 5wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me,
ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’
Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu,
ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa. 6“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ,
merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ;
mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.