Native Bible

Isaiah 65:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi.

Isaiah 65:2 in English

Isaiah 65:2 · Berean Standard Bible

All day long I have held out My hands to an obstinate people * who walk in the wrong path, who follow their own imaginations,

Context

1“Medaa me ho adi kyerɛɛ wɔn a wɔammisa mʼase; wɔn a wɔnhwehwɛ me no hunuu me. Ɔman a wɔnnsu mfrɛ me no Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Me nie, Me nie.’ 2Ɛda mu nyinaa, matrɛ me nsa mu ama nnipa a wɔyɛ asoɔden ne nyiyiano, a wɔnenam akwammɔne so, na wɔdi wɔn ankasa nsusuiɛ akyi. 3Nnipa a daa no wɔyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ. Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so; 4Wɔtenana adamena so na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam; wɔwe prakonam na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.