Native Bible

Isaiah 65:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ, merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ; mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so,

Isaiah 65:6 in English

Isaiah 65:6 · Berean Standard Bible

Behold, it is written before Me: I will not keep silent, but I will repay; I will pay it back into their laps,

Context

4Wɔtenana adamena so na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam; wɔwe prakonam na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ; 5wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me, ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu, ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa. 6“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ, merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ; mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so, 7mo ne mo agyanom bɔne nti,” sei na Awurade seɛ. “Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so na wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so enti mɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.” 8Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Sɛdeɛ wɔnya nsuo firi bobe dontwo mu na nnipa ka sɛ, ‘Monnsɛe no, ɛfiri sɛ adepa bi da so wɔ mu’ no saa ara na mʼasomfoɔ no enti mɛyɛ. Merensɛe wɔn nyinaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.