Native Bible

Isaiah 65:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me, ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu, ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa.

Isaiah 65:5 in English

Isaiah 65:5 · Berean Standard Bible

They say, ‘Keep to yourself; do not come near me, for I am holier than you!’ Such people are smoke in My nostrils, a fire that burns all day long.

Context

3Nnipa a daa no wɔyi me ahi wɔ mʼanim pɛɛ. Wɔbɔ afɔdeɛ wɔ nturo mu na wɔhye nnuhwam wɔ ntayaa afɔrebukyia so; 4Wɔtenana adamena so na anadwo wɔsiri pɛ nkokoam; wɔwe prakonam na wɔn nkwansɛn mu nso, wɔayɛ nkwan a wɔde ɛnam a ɛho nteɛ ayɛ; 5wɔka sɛ, ‘Momfiri ha; mo mmɛn me, ɛfiri sɛ me ho te dodo ma mo!’ Saa nnipa yi yɛ wisie wɔ me hwene mu, ogya a ɛkɔ so hyeɛ da mu nyinaa. 6“Hwɛ, wɔatwerɛ ato hɔ wɔ mʼanim sɛ, merennyɛ komm, mɛtua so ka pɛpɛɛpɛ; mɛtua so ka agu wɔn asrɛ so, 7mo ne mo agyanom bɔne nti,” sei na Awurade seɛ. “Esiane sɛ wɔhyee afɔrebɔdeɛ wɔ mmepɔ so na wɔtwirii me wɔ nkokoɔ so enti mɛsusu bɔne a wɔyɛɛ kane no so akatua pɛpɛɛpɛ agu wɔn asrɛ so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.