Native Bible

Isaiah 63:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ, mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”; ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.

Isaiah 63:8 in English

Isaiah 63:8 · Berean Standard Bible

For He said, “They are surely My people, sons who will not be disloyal.” So He became their Savior.

Context

6Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu; memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu na mehwiee wɔn mogya guu fam.” 7Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm, ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie, wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fiefoɔ, wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti. 8Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ, mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”; ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa. 9Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane, na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn. Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn; ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn mfeɛ a atwam no nyinaa mu. 10Nanso, wɔtee atua de hoo ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.