Yesaia 63:10
Isaiah 63:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, wɔtee atua de hoo ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
Isaiah 63:10 in English
Isaiah 63:10 · Berean Standard Bible
But they rebelled and grieved His Holy Spirit. So He turned and became their enemy, and He Himself fought against them.
Context
8Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ,
mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”;
ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa. 9Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane,
na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn.
Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn;
ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn
mfeɛ a atwam no nyinaa mu. 10Nanso, wɔtee atua
de hoo ne Honhom Kronkron werɛ.
Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ
na ɔno ankasa ko tiaa wɔn. 11Afei ne nkurɔfoɔ kaee tete nna no,
Mose ne ne nkurɔfoɔ nna no. Wɔbisaa sɛ,
ɛhe na deɛ ɔde wɔn faa ɛpo mu no wɔ?
Deɛ ɔmaa Mose yɛɛ ne nnwan no hwɛfoɔ no.
Ɛhe na deɛ ɔmaa ne Honhom Kronkron no
tenaa wɔn mu no wɔ? 12Deɛ ɔsomaa nʼanimuonyam basa a ɛwɔ tumi
sɛ ɔmmɛgyina Mose nsa nifa so,
deɛ ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim,
de gyee edin maa ne ho afebɔɔ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.