Yesaia 63:7
Isaiah 63:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm, ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie, wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fiefoɔ, wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti.
Isaiah 63:7 in English
Isaiah 63:7 · Berean Standard Bible
I will make known the LORD’s loving devotion and His praiseworthy acts, because of all that the LORD has done for us— the many good things for the house of Israel according to His great compassion and loving devotion.
Context
5Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ,
ɛyɛɛ me ahodwirie sɛ obiara ammoa me;
enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyeɛ dwuma maa me,
na mʼabufuo wowaa me. 6Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu;
memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu
na mehwiee wɔn mogya guu fam.” 7Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm,
ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie,
wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho
aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ
ama Israel fiefoɔ,
wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti. 8Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ,
mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”;
ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa. 9Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane,
na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn.
Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn;
ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn
mfeɛ a atwam no nyinaa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.