Yesaia 62:5
Isaiah 62:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no, saa ara na wo mmammarima bɛware wo; sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no, saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.
Isaiah 62:5 in English
Isaiah 62:5 · Berean Standard Bible
For as a young man marries a young woman, so your sons will marry you; and as a bridegroom rejoices over his bride, so your God will rejoice over you.
Context
3Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ wɔ Awurade nsam,
ne adehyeɛ abɔtiten wɔ wo Onyankopɔn nsam. 4Wɔremfrɛ wo atugya bio,
anaa wʼasase sɛ amanfo.
Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn
ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefoɔ
ɛfiri sɛ Awurade ani bɛgye wo ho,
na ɔbɛware wʼasase. 5Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no,
saa ara na wo mmammarima bɛware wo;
sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no,
saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho. 6Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem;
wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.
Mo a musu frɛ Awurade no,
monnhome koraa, 7na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi sɛ ɔbɛma Yerusalem atim
na wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.